Kɔ asɛm titire no so tee

Nokwasɛm no ada adi: Copy Trading ho atosɛm 5 a yɛapa ho ntoma

5
simma akenkan
Aguadi screen mmienu a ɛhyerɛn a ɛkyerɛ candlestick charts a ɛsɛ, a ɛgyina hɔ ma atosɛm a abu so wɔ Copy Trading nhyehyɛeɛ ho.

Sɛ woahwehwɛ aguadi wiase no mu a, ɛbɛyɛ sɛ woate Copy Trading ho asɛm pɛn. Ebia woadwene ho mpo sɛ wobɛsɔ ahwɛ. Nanso nsɛm a nnipa ka fa ho no nyinaa akyi no, ebia woahyia nteaseɛ a ɛnteɛ bi a ɛma wotwentwɛn wo nan ase.

Momma yɛnyi adwene a ɛnteɛ a ɛwɔ Copy Trading ho no mfiri hɔ! Yɛapa Copy Trading ho atosɛm nnum a abu so pa ara no ho ntoma wɔ ha.

‍

Atosɛm 1: Copy Trading yɛ kwan a wɔfa so nya ahonya ntɛm

Nokwasɛm: Daabi! Copy Trading nyɛ kwantiaa bi a ɛde mfasoɔ a akyinnyeɛ nni ho ba.

Ampa, ɛma wo kwan ma wodi aguadifoɔ a wɔwɔ suahunu akyi, nanso ɛno nkyerɛ sɛ nkonimdie da hɔ ma wo ɔkwan biara so. Aguadi kwan biara nni hɔ—a Copy Trading ka ho—a ɛbɛtumi ahyɛ bɔ sɛ wobɛnya mfasoɔ 100%. Mfasoɔ ankasa a ɛwɔ Copy Trading so ne sɛ wobɛsua adeɛ afiri animdefoɔ hɔ, wobɛtrɛw wo aguadi mu, na ama gyinaesi a wofa wɔ aguadi mu no atu mpɔn nkakrankakra.

Deɛ ɛhia ne sɛn? Nya anidasoɔ a ɛfata na fa no sɛ aguadi kwan a ɛgye berɛ tenten, na ɛnyɛ kwantiaa a wɔfa so nya ahonya anadwo baako.

‍

Atosɛm 2: Copy Trading nhia abɔdeɛ mu nyansa anaa nimdeɛ biara

Nokwasɛm: Ɛwom sɛ Copy Trading ma nneɛma yɛ mmerɛ deɛ, nanso ɛnyɛ kwan a wobɛfa so akwati adesua.

Sɛ wobɛdi nkonim a, wodɔre hia aguadi mu nteaseɛ mfitiaseɛ deɛ, kwan a wɔfa so bɔ ho ban firi asiane ho, ne nhyehyɛeɛ mu nhwehwɛmu. Fa no sɛ adesua kwan bi a wɔkyerɛ wo kwan wɔ mu. Wobɛhunu sɛdeɛ aguadifoɔ a wɔaben no yɛ wɔn adwuma na wode saa nimdeɛ no adi dwuma de asi gyinaesi pa.

Wo nkonimdie nnyina onii a wodi n'akyi no nko ara so; ɛgyina sɛdeɛ wote wɔn anammɔntuo ase no nso so!

‍

Atosɛm 3: Copy Trading gye tumi firi aguadifoɔ nsam

Nokwasɛm: Nokorɛ mu no, tumi no da so ara wɔ wo nsam!

Mfasoɔ akɛseɛ a ɛwɔ Copy Trading so no mu baako ne sɛdeɛ ɛma wo kwan ma woyɛ nsakraeɛ. Wobɛtumi:

  • Ayi aguadifoɔ a wopɛ sɛ wodi wɔn akyi.
    ‍
  • Asesa nhyehyɛeɛ a wode bɔ wo ho ban firi asiane ho.
    ‍
  • Agyina anaa agyae obi akyidie berɛ biara.

Tumi no da so ara wɔ wo nsam. Ɛyɛ kwan a nyansa ne nhyehyɛeɛ pa wom a wɔfa so di gua kɛkɛ.

‍

Atosɛm 4: Copy Trading yɛ wɔn a wɔrefiri aseɛ nko ara deɛ

Nokwasɛm: Copy Trading nyɛ wɔn a wɔrefiri aseɛ nko ara deɛ; aguadifoɔ a wɔwɔ suahunu nso de di dwuma!

Aguadifoɔ a wɔaben mpo de Copy Trading di dwuma de:

  • Trɛw wɔn aguadi ahodoɔ mu.
    ‍
  • Hwehwɛ aguadi akwan foforɔ mu.
    ‍
  • Nya nimdeɛ firi aguadifoɔ foforɔ a wɔadi nkonim hɔ.

Sɛ worefiri aseɛ seesei ara anaa wowɔ mfeɛ pii mu suahunu no, Copy Trading bɛtumi ayɛ adwinnadeɛ a ɛsom bo wɔ wo aguadi mu.

‍

Atosɛm 5: Copy Trading gyina akrayeɛ nko ara so

Nokwasɛm: Ɛnnyina akrayeɛ so. Ɛyɛ nhyehyɛeɛ pa.

Copy Trading mu nkonimdie gyina nhwehwɛmu ne ahwɛyiye so. Ansa na wobɛyi oguadini bi adi n'akyi no, hwehwɛ wɔn: 

  • Dwumadie a atwam mu
    ‍
  • Kwan a wɔfa so bɔ wɔn ho ban firi asiane ho
    ‍
  • Aguadi su

Sɛ wogye berɛ hwehwɛ saa nneɛma yi mu a, ɛma hokwan a wowɔ sɛ wobɛsi aguadi mu gyinaesi pa no kɔ soro.

‍

Copy Trading ho atosɛm: Nkaebɔ tiawa

Atosɛm Nokwasɛm
Kwan a wɔfa so nya ahonya ntɛm Copy Trading yɛ aguadi nhyehyɛeɛ a ɛgye berɛ tenten, na ɛnyɛ kwantiaa a wɔfa so nya ahonya.
Enhia nimdeɛ biara Woda so ara hia aguadi mu nimdeɛ mfitiaseɛ deɛ ansa na woadi nkonim.
Tumi a ɛfiri wo nsam Wo na wosi onii a wobɛdi n'akyi, sika dodoɔ a wode bɛdi gua, ne berɛ a wobɛgyae ho gyinaesi.
Wɔn a wɔrefiri aseɛ nko ara deɛ Aguadifoɔ a wɔwɔ suahunu mpo de Copy Trading trɛw wɔn aguadi mu.
Akrayeɛ nko ara Nkonimdie firi nhwehwɛmu ne gyinaesi pa a egyina nimdeɛ so mu na ɛba.

‍

Hwehwɛ Copy Trading mu wɔ Deriv cTrader so

Deriv ma wo Copy Trading a ɛkɔ so tɔɔtɔɔ wɔ Deriv cTrader so. Fa demo akawnt a wɔntua ho hwee a virtual sika $10,000 wom sɔ hwɛ a asiane biara nni mu. Ɛyɛ papa pa ara ma wo nhyehyɛeɛ a wobɛsɔ ahwɛ wɔ baabi a asiane biara nni.

Afei a yɛapa atosɛm no ho ntoma na yɛada nokwasɛm no adi yi, wobɛtumi de ahotosoɔ afiri Copy Trading ase. Woasiesie wo ho sɛ wobɛtu anammɔn a ɛdi hɔ? Firi aseɛ hwehwɛ mu na hwɛ sɛdeɛ ɛhyɛ wo aguadi akwantuo no mu!

‍

Nsɛmmisa a wɔtaa bisa

Analyse markets with AI-powered insights

Explore TradersView
WhatsApp