
COVID-19 yareɛ kodiawu no berɛ so no, ankorankorɛ aguadifoɔ sesaa ɔkwan a wɔfa so di adwumakuo kyɛfa (Stocks) gua no. Aguadifoɔ pii hyɛɛ aseɛ suasuaa afoforɔ anammɔntuo, suban bi a wɔfrɛ no dɔm adwene. Ɛha na Copy Trading bɛtumi adi dwuma.
Ɔkwan bɛn so na Copy Trading yɛ adwuma?
Copy Trading ma aguadifoɔ kwan, sɛ wɔyɛ foforɔ anaa wɔwɔ suahunu aguadi akwankyerɛ, sɛ wɔbɛsuasua aguadifoɔ a wɔdi nkonim no aguadi. Adwene no nyɛ den: sɛ wɔnya mfasoɔ a, wo nso wobɛtumi anya bi. Nanso, te sɛ aguadi akwan nyinaa no, Copy Trading de n'ankasa mfasoɔ ne ɔhaw ahoroɔ na ɛba.
Copy Trading mu mfasoɔ ne ɔhaw ahoroɔ
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ mmerɛ nti, nhwehwɛmu tiawa nie:
| Mfasoɔ | Ɔhaw ahoroɔ |
|---|---|
| Adesua kwan - Wɔn a wɔrehyɛ aseɛ bɛtumi ahwɛ na wɔasua adeɛ afiri aguadifoɔ a wɔaben no hɔ. | Sika hwere asiane - Sɛ oguadifoɔ a woresuasua no no tu anammɔn bɔne a, wobɛtumi ahwere sika. |
| Aguadi mu nkyekyɛmu - Aguadifoɔ pii a wobɛsuasua wɔn no kyekyɛ asiane mu wɔ agyapadeɛ ne aguadi akwan ahodoɔ mu. | Afoforɔ so deɛ - Sɛ wode wo ho to afoforɔ so a, ɛbɛtumi ama nimdeɛ a wode bɛdi gua wo nko ara no anya nkɔsoɔ nyaa. |
| Ahotoɔ - Aguadi no kɔ so ara kwa a wenhia sɛ woyɛ biribiara, na ɛma wonya berɛ. | Aguadi dodoɔ so ka - Wɔn a wɔde aguadi akwan ma no bi gye dwumadie ne nhwɛsoɔ ho ka, a ɛbɛtumi aka mfasoɔ nyinaa a wobɛnya no. |
| Sika a wonya a wommrɛ ho - Wɔn a wɔde aguadi akwan ma no nya Commission berɛ a nkurɔfoɔ suasua wɔn no. | Gua so nsakraeɛ - Gua so nsakraeɛ a obiara ntumi nhu no kan no bɛtumi aka aguadifoɔ a wɔaben paa no mpo. |
Nneɛma a ɛsɛ sɛ wosusu ho ansa na woayɛ Copy Trading asiane ano aduru akwan
Sɛ woredwene Copy Trading ho a, ɛho hia paa sɛ wosusu asiane dodoɔ a wobɛtumi agyina ano, wo botaeɛ ahoroɔ, ne wo nimdeɛ a wowɔ wɔ aguadi mu ho. Ɔkwan a wobɛfa so ahyɛ aseɛ yie nie:
- Yɛ aguadifoɔ no ho nhwehwɛmu ansa na woasuasua wɔn. Hwɛ sɛdeɛ wɔadi gua pɛn, ɔkwan a wɔfa so di asiane ano, ne wɔn aguadi akwan.
- Hyɛ aseɛ ketewa. Mfa wo sika nyinaa nhyɛ mu prɛko pɛ. Sua wɔ demo akawnt so na ama woanya ahotosoɔ ansa na woadi gua ankasa.
- Kyekyɛ mu. Aguadifoɔ pii a wobɛsuasua wɔn no bɛtumi aboa ama asiane ne mfasoɔ a wobɛtumi anya no akari pɛ.
- Kɔ so nya nimdeɛ fa sɛdeɛ gua no rekɔ no ho na ama woatumi asi gyinaeɛ pa ama daakye.
Wopɛ sɛ wosɔ Copy Trading hwɛ a asiane biara nni mu? Bue Deriv Trader demo akawnt na fa sika a ɛnyɛ ankasa $10,000 sua adeɛ!
Quiz
Deɛ ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ƐNYƐ Copy Trading so mfasoɔ?


