
Woate asɛmfua “Margin so aguadi” pɛn na woadwene deɛ ɛkyerɛ ankasa ho? Yoo, fa no sɛ wobɛtumi adi gua kɛseɛ koraa asene deɛ sika a aka wɔ wo account mu no bɛtumi ama wo kwan. Ɛbɛtumi ayɛ te sɛ ɛkwan tiawa bi, nanso asiane ankasa wom. Wei ne Margin so aguadi mu nsɛm tiawa! Nanso ansa na wobɛhyɛ aseɛ no, ma yɛnkyerɛkyerɛ mu yie na ama woate sɛdeɛ ɛyɛ adwuma, asiane a ɛwom, ne sɛdeɛ wobɛde adi dwuma nyansam no ase koraa.
Margin 101: Mfitiaseɛ nsɛm
Margin yɛ sika dodoɔ a ɛhia sɛ wode gu mu de bue aguadi gyinabea a Leverage wom. Ɛte sɛ awowa sika bi a ɛma wo kwan ma wodi gua kɛseɛ sene sika ankasa a wowɔ. Brokers (te sɛ Deriv) bɔ wo sika a ɛka ho no bosea, nanso mfasoɔ ne adehwereɛ biara a ɛbɛba no da wo so.
Fa no sɛ wopɛ sɛ wobue 1,000 USD aguadi a 1:100 Leverage wom. Sɛ anka wobɛtua 1,000 USD no nyinaa mmom no, wohia 10 USD pɛ (wo Margin) na wode awura aguadi no mu. Sɛ gua no kɔ wo afa a, wo mfasoɔ no yɛ kɛseɛ. Nanso, sɛ ɛdane kɔ afa foforɔ no a, wo adehwereɛ nso yɛ kɛseɛ saa ara.
Margin ne Leverage: Nsonsonoeɛ bɛn na ɛda ntam?
| Margin | Leverage |
|---|---|
| Sika dodoɔ a wohia de abue aguadi a Leverage wom. | Nsusuiɛ a ɛkyerɛ tumi a wowɔ de tɔ adeɛ sɛ wode toto wo Margin ho a. |
| Wɔkyerɛ mu wɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu (nhwɛsoɔ, 1% Margin a wɔhwehwɛ). | Wɔkyerɛ mu sɛ nsusuiɛ (nhwɛsoɔ, 1:100). |
| Ɛkyerɛ sika dodoɔ a ɛsɛ sɛ wode hyɛ aguadi biara mu. | Ɛkyerɛ dodoɔ a wɔbɛma wo aguadi kɛseɛ no adɔɔso. |
Fa Leverage sɛ tumi a ɛma ahoɔden kɛseɛ, na fa Margin sɛ ngo a ɛma ɛyɛ adwuma!
Margin ahodoɔ a ɛwɔ aguadi mu
| Initial Margin | Sika a wɔhwehwɛ sɛ wode gu mu ansa na woabue aguadi bi. |
|---|---|
| Maintenance Margin | Sika a aka ketewa koraa a ɛhia na ama wo aguadi no akɔ so abue. Sɛ wo sika no so te kɔ fam sene wei a, wobɛtumi ahyia Margin Call. |
| Margin Call | Ɛkwan a broker fa so ka sɛ, “Hwɛ, sika a ɛwɔ wo account mu no rekɔ fam! Fa sika ka ho anyɛ saa a wɔbɛtumi ato wo aguadi no mu.” |
Sɛdeɛ wobɛhwɛ Margin asiane so te sɛ ɔbenfoɔ akwan a wɔfa so hwɛ asiane so
Ɛfiri sɛ Margin so aguadi bɛtumi ama mfasoɔ ne adehwereɛ nyinaa ayɛ kɛseɛ nti, ɛho hia pa ara sɛ wohwɛ asiane so yie. Ɛkwan a wobɛfa so nie:
Fa Stop Loss nhyehyɛeɛ di dwuma. Hyehyɛ baabi a aguadi no ankasa bɛgyina na asiw adehwereɛ a ɛtra so kwan.
Mfa wo Leverage nyinaa nni dwuma nwie. Sɛ 1:1,000 Leverage wɔ hɔ a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wode nyinaa di dwuma.
Hwɛ wo Margin gyinabea so yie. Ma wo ani nna Margin dodoɔ a aka ma wo no so na woakwati Margin Call.
Kyɛ wo aguadi mu gu mmeaeɛ ahodoɔ. Mfa wo sika nyinaa nhyɛ aguadi baako a asiane kɛseɛ wom mu.
Ɛhefa na wobɛtumi adi Margin so gua aguadi platforms?
Wɔ Deriv so no, wobɛtumi adi Margin so gua wɔ gua ahodoɔ pii so:
| Gua | Leverage |
|---|---|
| Forex | Kɔsi 1:1000 |
| Adwumakuo kyɛfa (Stocks) ne Indices | Kɔsi 1:100 |
| Crypto sika ahodoɔ | Kɔsi 1:100 |
| Nneɛma a wɔde di gua (Commodities) | Kɔsi 1:500 |
| Derived Indices | Kɔsi 1:6000 |
Gua biara wɔ ne asiane gyinabea ahodoɔ, enti gyina wo aguadi mu suahunu so fa nyansa yi deɛ ɛfata wo.
Wobɛtumi de Margin adi gua wɔ gua akɛseɛ so wɔ Deriv so denam yɛn Deriv MT5 ne Deriv cTrader platforms no so. Hwɛ yɛn adesua a wɔntua ho hwee no wɔ Deriv Academy so na sua pii fa Leverage ne CFDs aguadi ho, anaa sɔ hwɛ wɔ demo account a wɔde sua adeɛ so.
Quiz
Sɛ wode 1:50 Leverage bue $5,000 aguadi a, Margin ahe na wohia?


