
Adwumakuo kyɛfa (Stocks) nsɛnkyerɛnneɛ mu nteaseɛ
Woanya adwene pɛn sɛ anka wowɔ ɔkwan tiawa bi a ɛma aguadi yɛ mmerɛ? Yoo, RSI (Relative Strength Index) ne SMAs (Simple Moving Averages) bɛtumi ayɛ mmoa kɛseɛ a ɛdi hɔ! Saa mfididwuma nsɛnkyerɛnneɛ a agye din yi bɛtumi aboa wo ama woahunu berɛ a ɛsɛ sɛ wowura aguadi mu mfididwuma nsɛnkyerɛnneɛ ne berɛ a ɛsɛ sɛ wofiri mu. Momma yɛnhwɛ mu yie.
Ɛdeɛn ne RSI ankasa?
RSI boa ma wohunu sɛ ebia wɔatɔ adwumakuo kyɛfa (stock) bi aboro so anaa wɔatɔn aboro so, a ɛbɛtumi akyerɛ sɛ ne boɔ rebɛdane. Ɛdi dwuma firi 0 kɔsi 100:
- Ɛboro 70? Ebia wɔatɔ adwumakuo kyɛfa no aboro so nti ne boɔ bɛtumi aba fam kakra.
- Ɛwɔ 30 fam? Ebia adwumakuo kyɛfa no boɔ aba fam dodo na ɛbɛtumi asan akɔ soro.
- Nhyehyɛeɛ a ɛda hɔ dada: Nna 14 RSI, nanso wobɛtumi asesa no sɛdeɛ wo aguadi kwan teɛ.
Na SMAs nso ɛ?
SMAs ma boɔ nsakraeɛ mu da hɔ fann, na ɛboa wo ma wohunu kwan kɛseɛ a gua no nam so. SMAs mmienu a wɔtaa de di dwuma pa ara ne:
- Nna 50 SMA: Berɛ tiawa mu gua kwan nsɛnkyerɛnneɛ
- Nna 200 SMA: Berɛ tenten mu gua kwan nsɛnkyerɛnneɛ
SMA crossover nyansakwan no
Woate golden cross ne death cross nka pɛn? Ɛba mu berɛ a:
- Golden cross: Nna 50 SMA no kɔ soro tra nna 200 SMA no → Nsɛnkyerɛnneɛ sɛ boɔ bɛkɔ soro (Bullish)
- Death cross: Nna 50 SMA no ba fam hyɛ nna 200 SMA no ase → Nsɛnkyerɛnneɛ sɛ boɔ bɛba fam (Bearish)
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wode RSI ne SMA bom di dwuma?
RSI ne SMA boa wɔn ho wɔn ho yie wɔ kwan a gua nam so ne berɛ a boɔ rebɛdane nhwehwɛmu mu. Biara wɔ so mfasoɔ wɔ ne nko ara mu, nanso sɛ wode bom a, ɛma wohunu mu pefee pa ara.
- RSI kyerɛ wo sɛ adwumakuo kyɛfa bi boɔ ayɛ den dodo anaa ne boɔ ayɛ mmerɛ.
- SMA crossovers kyerɛ faako a gua no kwan de n’ani kyerɛ.
Nhwɛsoɔ ne sɛ, sɛ RSI no wɔ 30 fam (wɔatɔn aboro so) na nna 50 SMA no twa kɔ nna 200 SMA no soro a, ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛmu yɛ den pa ara sɛ tɔ!

Berɛ a RSI ne SMA akwan di mu akotene pa ara
Mfasoɔ amanneɛbɔ berɛ
Adwumakuo mfasoɔ ho amanneɛbɔ bɛtumi ama boɔ adi akɔneaba kɛseɛ. RSI ne SMAs boa ma woyi dede no firi mu:
- RSI kyerɛ sɛ ebia wɔatɔ adwumakuo kyɛfa bi aboro so anaa wɔatɔn aboro so wɔ mfasoɔ ho nsakraeɛ akyi.
- SMA crossovers si so dua sɛ saa nsakraeɛ no ka kwan kɛseɛ bi a gua no nam so ho anaa ɛyɛ berɛ tiawa mu ahosɛpɛ kɛkɛ.
Gua so nteɛsoɔ
Berɛ a gua no kɔ fam kɛseɛ no, RSI bɛtumi ada adwumakuo kyɛfa (Stocks) a wɔatɔn aboro so adi, berɛ a SMAs si so dua sɛ berɛ aso sɛ wotɔ anaa famkɔ no bɛtena hɔ akyɛ.
Sɛdeɛ wobɛhyehyɛ wo RSI ne SMA aguadi
Bullish nhyehyɛeɛ (tɔ ho akwanya)
- RSI bɛn 30 (wɔatɔn aboro so)
- Nna 50 SMA no twa kɔ nna 200 SMA no soro (golden cross)
Bearish nhyehyɛeɛ (tɔn ho akwanya)
- RSI bɛn 70 (wɔatɔ aboro so)
- Nna 50 SMA no twa ba nna 200 SMA no fam (death cross)
RSI ne SMA crossover nhwɛsoɔ: Amazon (AMZN)
Sɛ yɛhwɛ Amazon adwumakuo kyɛfa chart no so a, fa no sɛ:
- Nna 50 SMA no twa kɔ nna 200 SMA no soro → Sorokɔ ho nsi-so-dua
- RSI bɛn 30 → Boɔ a ɛbɛtumi adane afiri tebea a wɔatɔn aboro so mu
Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi a ɛbom yi kyerɛ tɔ ho akwanya.
Sɛdeɛ wɔhwɛ asiane so wɔ RSI ne SMA aguadi mu
Stop Loss nhyehyɛeɛ
- Mfasoɔ berɛ mu boɔ nsakraeɛ kɛseɛ? Fa Stop Loss a ɛtrɛ kakra di dwuma (2–3% wɔ faako a wowuraa mu no fam).
- Gua tebea a ɛda hɔ daa? Ma ɛmmɛn kakra (1–1.5% wɔ faako a wowuraa mu no fam).
- Susunu adwumakuo kyɛfa no Average True Range (ATR) ho na ama woanya Stop Loss gyinapɛn pa.
Mfasoɔ botaeɛ
- Berɛ tiawa mu aguadi: Gye wo mfasoɔ berɛ a RSI bɛn 70 anaa SMA crossover no ahoɔden so teɛ no.
- Berɛ tenten mu aguadi: Kura mu kɔsi berɛ biara a nna 50 SMA no da so ara wɔ nna 200 SMA no soro, na tɔn no nkakrankakra berɛ a RSI duru gyinapɛn a ɛkɔ akyiri pa ara no.
Aguadi ho afutuo titire
Ansa na wobɛwura aguadi bi mu no, susunu yeinom ho:
- Mmere nhyehyɛeɛ ahodoɔ (da biara charts ma gua kwan, dɔnhwere biara deɛ ma faako pɔtee a wobɛwura mu)
- Gua tebea (kwan a gua no nyinaa fa so, nnwuma nkorabata mu nsakraeɛ, adwumakuo kyɛfa pɔtee ho kaseɛbɔ)
- Mfasoɔ amanneɛbɔ nna (sɛdeɛ wobɛkwati nneɛma a ɛbɛba mpofirim)
- Sɛdeɛ adwumakuo kyɛfa tɔ ne tɔn yɛ mmerɛ (dodoɔ a ɛkɔ soro = aguadi a ɛkɔ so dwoodwoo)
Hyɛ aseɛ sɔ RSI ne SMA akwan hwɛ ɛnnɛ aguadi akwan
Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi wɔ tumi, nanso ɛdi dwuma yie pa ara sɛ ɛka aguadi nhyehyɛeɛ tɛtrɛɛ bi ho a. Fa RSI ne SMA akwan sua adeɛ wɔ Deriv demo akawnt a wɔntua ho hwee so. Ɛyɛ kwan pa a wobɛfa so asiesie wo nimdeɛ ansa na wode sika ankasa adi gua.
Quiz
Ɛdeɛn na ɛsi bullish trend so dua?


