
Aguadi nni kwan baako pɛ a ɛfata obiara. Aguadifoɔ binom ani gye nneyɛɛ a ɛkɔ so ntɛmntɛm ho, berɛ a afoforɔ nso pɛ kwan a ɛkɔ so bɔkɔɔ na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Aguadi kwan pa a wobɛhunu no ne ade titire a ɛbɛboa wo ama woanya mfasoɔ kɛseɛ wɔ w'aguadi akwantu no mu.
Wɔ akwankyerɛ yi mu no, yɛbɛkyerɛkyerɛ aguadi akwan atitire nan no mu de aboa wo ama woahunu deɛ ɛne wo suban, wo berɛ, ne asiane dodoɔ a wobɛtumi agyina ano hyia.
Ɛdeɛn ne aguadi kwan?
Aguadi kwan te sɛ kwan a wo ara wofa so kɔ gua no mu—ɛkyerɛ mpɛn dodoɔ a wodi gua, berɛ tenten a wokura w'aguadi mu, ne asiane dodoɔ a w'akoma tɔ wo yam sɛ wobɛfa. Ɛsono no wɔ aguadi nhyehyɛeɛ (a ɛfa akwan ne nhyehyɛeɛ pɔtee bi ho kɛseɛ) ho. Ɛsɛ sɛ w'aguadi kwan ne w'abrabɔ, w'adwene, ne wo sikasɛm botaeɛ hyia.
Deɛ ɛyɛ dɛ pa ara wɔ mu ne sɛn? Mmara kɛtɛkɛtɛ biara nni hɔ! Wobɛtumi asɔ akwan ahodoɔ ahwɛ na woasakra mu ama ɛne w'ahiadeɛ ahyia. Momma yɛnhwɛ aguadi akwan nan a ɛagye din pa ara no mu.
1. Day trading: Ɛkɔ so ntɛmntɛm na ɛyɛ anika

Sɛ w'ani gye gyinaesi ntɛmntɛm ho na wopɛ sɛ wowie da no a biribiara nka wɔ w'akyi a, wei yɛ wo deɛ.
| Sɛdeɛ ɛyɛ adwuma | Ɛfata ma | Nsɛnnennen |
|---|---|---|
| Bue na to aguadi mu wɔ da koro no ara mu—wonnkura aguadi biara mu nnkɔ adeɛ nkye so. | Nnipa a wɔn ani gye ahopereɛ ne nneyɛɛ a ɛkɔ so ntɛmntɛm ho | Ɛhwehwɛ sɛ wohwɛ gua no so berɛ nyinaa |
| Fa boɔ nsakraeɛ a ɛkɔ so berɛ tiawa mu no nya mfasoɔ. | Aguadifoɔ a wɔdi gua berɛ nyinaa | Ɛbɛtumi ama w'adwene abrɛ |
| Ɛhwehwɛ technical analysis ne gyinaesi ntɛmntɛm. | Nnipa a wɔtumi yɛ adwuma yie wɔ nhyɛsoɔ mu | Ɛhia nimdeɛ a ɛmu yɛ den wɔ asiane so hwɛ mu |
2. Scalping: aguadi mu wura ne emu firie a ɛyɛ ntɛm te sɛ anyinam!

W'ani gye anigyeɛ a ɛwɔ nkonimdie ntɛmntɛm mu no ho anaa? Ebia Scalping bɛyɛ w'aguadi kwan.
| Sɛdeɛ ɛyɛ adwuma | Ɛfata ma | Nsɛnnennen |
|---|---|---|
| Di gua bɛyɛ du du anaa ɔhaha mpo wɔ da baako pɛ mu. | Aguadifoɔ a wɔn ani gye gyinaesi ntɛmntɛm ho | Tebea a nhyɛsoɔ kɛseɛ wɔ mu |
| Nya mfasoɔ firi boɔ nsakraeɛ nketenkete mu. | Wɔn a wɔtumi de wɔn adwene si biribi so kɛseɛ wɔ berɛ tiawa mu | Ɛhwehwɛ nneyɛɛ a ɛyɛ ntɛm pa ara |
| Ɛhwehwɛ pɛpɛɛpɛyɛ, ahoɔhare, ne ahohyɛsoɔ. | Nnipa a wɔn ani gye aguadi a ɛkɔ so mpɛn pii ntɛmntɛm ho | Aguadi ho ka bɛtumi akɔ soro ntɛmntɛm |
3. Position trading: oguadini a ɔwɔ aboterɛ daeɛsoɔ

Sɛ wopɛ aguadi a ɛgye berɛ tenten ne adwene a ɛhwɛ akyiri kɛseɛ a, Position trading bɛtumi afata wo.
| Sɛdeɛ ɛyɛ adwuma | Ɛfata ma | Nsɛnnennen |
|---|---|---|
| Kura aguadi mu nnawɔtwe, abosome, anaa mfeɛ mpo. | Aguadifoɔ a wɔpɛ gua so nsakraeɛ a ɛkɔ so berɛ tenten | Ɛhwehwɛ aboterɛ pii |
| Fa w'adwene si gua so nsakraeɛ akɛseɛ so sene boɔ a ɛdi akɔneaba da biara. | Wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔdi gua da biara | Sika kyekyere wɔ mu kɔsi berɛ tenten |
| Ɛde fundamental analysis na ɛsi gyinaeɛ. | Wɔn a wɔpɛ nhyehyɛeɛ a ɛne “tɔ na kura mu” | Ɛgye berɛ ansa na gua so nsakraeɛ ada adi |
4. Swing trading: Mfasoɔ a ɛwɔ akwan mmienu no nyinaa mu

Wopɛ kari pɛ wɔ ahoɔhare ne nhyehyɛeɛ ntam? Ebia Swing trading bɛyɛ kwan pa ama wo.
| Sɛdeɛ ɛyɛ adwuma | Ɛfata ma | Nsɛnnennen |
|---|---|---|
| Kura aguadi mu firi nna kakra kɔsi nnawɔtwe. | Aguadifoɔ a wɔpɛ ahofadie wɔ wɔn berɛ mu | Ɛhwehwɛ aboterɛ a wode bɛtwɛn nhyehyɛeɛ pa |
| Ɛnya mfasoɔ firi boɔ nsakraeɛ a ɛkɔ so wɔ berɛ tiawa ne mfinimfini mu. | Wɔn a wɔn ani gye technical analysis ho | Gua no bɛtumi ayɛ deɛ wontumi nhu deɛ ɛbɛba |
| Ɛfa tɔ a wɔtɔ berɛ a boɔ no aba fam ne tɔn a wɔtɔn berɛ a akɔ soro pa ara ho. | Nnipa a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛhunu kwan a gua no rekɔ | Aguadi a wokura mu ma adeɛ kye so no ma wohyia nsɛm a wonhwɛ kwan |
Aguadi kwan bɛn na ɛfata wo pa ara?
Sɛ wonnya nhunuu mu yie a, kwan tiawa a wobɛtumi afa so ahunu nie:
- W'ani gye nneyɛɛ a ɛkɔ so ntɛmntɛm ho anaa? → Sɔ scalping anaa day trading hwɛ
- Wopɛ kwan a ɛkɔ so bɔkɔɔ a asomdwoeɛ wɔ mu anaa? → Position trading yɛ wo deɛ
- Wopɛ biribi a ɛhyɛ mfinimfini anaa? → Swing trading bɛtumi ayɛ kwan pa pa ara ama wo
Asɛmpa bɛn na ɛwɔ mu? Wɔ Deriv so no, wobɛtumi de demo account a wɔntua ho hwee asɔ akwan nan no nyinaa ahwɛ. Sɔ hwɛ, hunu kwan a ɛfata wo, na fa ahotɔsoɔ di gua.
Bue wo Deriv demo account kwa ɛnnɛ na fa virtual sika 10,000 USD sua adeɛ a asiane biara nni mu!
Quiz
Aguadi kwan bɛn na ɛfa aguadi bebree a wɔdi no da mu nyinaa de nya mfasoɔ firi boɔ nsakraeɛ nketenkete pa ara mu, a mpɛn pii no wɔkura aguadi gyinabea mu anibu anaa simma kakra bi ho?


