
Woredwene ho sɛ wobɛdi Contract for Difference (CFDs) gua nanso wonnim baabi a wobɛfiri aseɛ? Ma yɛnka Deriv MT5 ho asɛm, platform titire a wɔde di CFDs gua ntɛmntɛm. Sɛ woyɛ obi a worefiri aseɛ anaa oguadini a wowɔ suahunu a, Deriv MT5 wɔ biribiara a wohia na ama woatumi agyina nimdeɛ so adi gua.
Ɛdeɛn koraa ne CFD aguadi?
Wɔ CFDs mu no, agyapadeɛ bi te sɛ sika kɔkɔɔ anaa Adwumakuo kyɛfa (Stocks) nyɛ wo dea ankasa. Mmom no, worekyerɛ sɛ ebia ne boɔ bɛkɔ soro anaa ɛbɛba fam. Sɛ nea wokyerɛeɛ no ba mu a, wobɛnya mfasoɔ. Sɛ amma mu a, wobɛtumi ahwere sika. Ɛyɛ mmerɛ, ɛnyɛ saa? Deriv MT5 ma CFD aguadi yɛ mmerɛ na ɛkɔ so dwoodwoo.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wode Deriv MT5 di gua?
Deriv MT5 nyɛ aguadi platform bi kɛkɛ a wɔayɛ sɛ ɛmma w’asetena nyɛ mmerɛ. Yei nti na aguadifoɔ pɛ paa:
- Ɛyɛ mmerɛ sɛ wode bɛdi dwuma: Sɛ woyɛ foforɔ anaa wowɔ suahunu a, ɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛhunu biribiara na wode adi dwuma.
- Gua mu nimdeɛ: Charts ne nnwinnadeɛ boa wo ma wodi gua no mu nsakraeɛ akyi na wohunu aguadi mu akwannya.
- Ahodoɔ bebree a wobɛtumi ayi mu: Di aman ahodoɔ sika, Nneɛma a wɔde di gua (Commodities), Adwumakuo kyɛfa (Stocks), ne Deriv ankasa Derived Indices soronko no ho gua.
- Account ahodoɔ a wɔahyehyɛ ama obiara: Account ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no ne aguadi akwan ne suahunu gyinabea ahodoɔ hyia.
Hwehwɛ account a ɛfata wo paa
Deriv MT5 wɔ account ahodoɔ bebree a ɛne aguadi mu ahiadeɛ ahodoɔ hyia:
- Standard account. Account pa a ɛfata biribiara a ɛwɔ Spreads ne swap ka a ɛyɛ afɛfɛ.
- Swap-free account. Anadwo ka biara nni ho, na ɛfata aguadifoɔ a wɔdi gua berɛ tenten.
- Zero spread account. Spreads biara nni mu, Commission pɔtee nko ara na ɛwɔ mu ma ɛka a wobɛtua no da adi pɛpɛɛpɛ.
- Financial account. Spreads a ɛsua koraa ma wɔn a wɔdi gua mpɛn pii.
Ɛhefa na wode Deriv MT5 di dwuma: Desktop, web, anaa mobile?
Ɔkwan biara a wopɛ sɛ wofa so di gua no, Deriv MT5 mu bi wɔ hɔ a ɛne wo kwan no hyia:
Desktop terminal. Deɛ ɛwɔ nhyehyɛeɛ nyinaa ma Windows, macOS, ne Linux.
- Hwɛ charts bebree so berɛ korɔ mu.
- Fa mfiridwuma mu nsɛnkyerɛnneɛ ne nnwinnadeɛ a wɔde twitwa mfonini yɛ gua no mu nsakraeɛ ho nhwehwɛmu.
- Fa Market Watch hwɛ agyapadeɛ boɔ so daa.
- Fa Expert Advisors ma aguadi nkɔ so wɔ ne ho so (EAs).
Deriv MT5 web. Enhia sɛ wobɛtwe biribiara agu wo mfiri so, wobɛtumi akɔ mu ntɛm ara afiri wo browser mu.
- Di gua firi baabiara, berɛ biara.
- Nhyehyɛeɛ a ɛyɛ mmerɛ na nteaseɛ wɔ mu.
- Ɛwɔ nhyehyɛeɛ foforɔ a aba so daa.
Deriv MT5 mobile. Di gua ahotosoɔ mu wɔ baabiara a worekɔ.
- Nya gua mu nsɛm foforɔ amonom hɔ ara.
- Hwɛ w’aguadi so ntɛm ara firi w’afiri no so.
- Kɔ so tena mu wɔ baabiara a wobɛkɔ.
Woasiesie wo ho sɛ wobɛfiri aguadi ase?
Deriv MT5 asefire yɛ mmerɛ. Kɔ Deriv wɛbsaet no so kɛkɛ, twe deɛ ɛfata wo paa no, anaa sɔ web deɛ no hwɛ na firi aseɛ a ɔhaw biara nni mu. Sɛ woyɛ foforɔ a, sua adeɛ wɔ demo account so ansa na wode sika ankasa adi gua.
Wopɛ sɛ wosua pii ka ho? Hwehwɛ Deriv MT5 adesua a wɔntua ho ka no mu na ama woanya ahotosoɔ kɛseɛ.
Quiz
Sɛ wopɛ dwumadie nneɛma a ɛkɔ anim paa a, emu deɛ ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ woyi?


