
Volatility Indices aguadi bɛtumi ayɛ te sɛ deɛ wote roller coaster mu Volatility Indices—ɛyɛ anika, wonnim deɛ ɛbɛsi, na ɛtɔ da bi a ɛbɔ hu. Enti na ɛhia paa sɛ wonya nhyehyɛeɛ pa a ɛyɛ den aguadi akwan. Stop Loss (SL) ne Take Profit (TP) nhyehyɛeɛ boa ma wodi dwuma no so tumi denam baabi pɔtee a wobɛpue afiri wo aguadi mu a wobɛhyɛ ato hɔ so, sɛ gua no kɔ ma wo anaa ɛnkɔ mma wo mpo a.
Ɛdeɛn ne Stop Loss ne Take Profit nhyehyɛeɛ?
Fa no sɛ woredi Volatility Index gua. Wobɛtumi atena hɔ ahwɛ boɔ nsakraeɛ biara na woanya anidasoɔ sɛ biribi pa bɛfiri mu aba, nanso ɛno yɛ kwan a ɛbrɛ adwene (na asiane wom) a wɔfa so di gua. Mmom no, SL ne TP nhyehyɛeɛ yɛ adwuma kɛseɛ no ma wo denam wo mfasoɔ a ɛkora so ne wo hwereɛ a ɛto ano hyeɛ ankasa so:
- Take Profit (TP): Wei ne mfasoɔ botaeɛ a wode asi w’ani so. Woyi boɔ bi a w’ani bɛgye ho sɛ wobɛgye wo mfasoɔ wɔ hɔ, na sɛ gua no duru saa gyinabea no pɛ a, wo aguadi no to mu, na ɛkora wo mfasoɔ so ma wo.
- Stop Loss (SL): Wei ne w’ahobammɔ nkatasoɔ. Wohyɛ boɔ bi to hɔ a sɛ gua no dan tia wo a, wo aguadi no bɛto mu ankasa na ama wo hwereɛ no ankɔ soro dodo.
Ma yɛmfa nhwɛsoɔ nkyerɛkyerɛ mu. Fa no sɛ wotɔ Volatility 50 wɔ $271 na wohyɛ TP wɔ $280. Sɛ gua no duru $280 a, wo aguadi no to mu, na ɛkora mfasoɔ $9 so ma wo. Saa ara nso na sɛ wohyɛ SL wɔ $266 a, wo aguadi no bɛto mu wɔ hɔ, na ama wo hwereɛ no aka $5 pɛ.

Gyinabea pa a wobɛnya: Asiane ne mfasoɔ ntotoho
Sɛdeɛ wobɛhyɛ wo SL ne TP wɔ nyansa mu no, aguadifoɔ de asiane ne mfasoɔ ntotoho di dwuma. Ɛyɛ nhyehyɛeɛ ketewa bi nanso ɛwɔ tumi paa:
Asiane ne mfasoɔ ntotoho = Mfasoɔ a wobɛtumi anya / Hwereɛ a ɛbɛtumi aba
Wɔ yɛn nhwɛsoɔ no mu no:
- Mfasoɔ a wobɛtumi anya = $9
- Hwereɛ a ɛbɛtumi aba = $5
- Asiane ne mfasoɔ ntotoho = 1.8 (wɔ $1 asiane biara ho no, wobɛtumi anya $1.80)
Asiane ne mfasoɔ ntotoho a ɛwɔ soro bɛtumi akyerɛ mfasoɔ akɛseɛ a wobɛtumi anya, nanso ne nyinaa gyina sɛ wobɛnya gyinabea pa a ɛfata a ɛgyina gua no tebea ne asiane dodoɔ a wobɛtumi asɔ ano so.
Adɛn nti na SL ne TP nhyehyɛeɛ ho hia
SL ne TP nhyehyɛeɛ mmienu nyinaa a wode bɛdi dwuma no nkyerɛ sɛ worebɔ tirim adi gua kɛkɛ. Ɛfa gyinaesi pa a nyansa ne nhyehyɛeɛ wom a wobɛfa so abɔ wo sika ho ban na ama wo mfasoɔ adɔɔso ho.
Woasiesie wo ho sɛ wobɛsɔ wo nhyehyɛeɛ no ahwɛ? Sua adeɛ a asiane biara nni mu wɔ demo akawnt so na hwɛ sɛdeɛ wobɛtumi adi gua no nsakraeɛ ho dwuma yie afa.
Quiz
Ɛdeɛn na ɛsi sɛ wo Stop Loss ahyɛdeɛ no yɛ adwuma a?


