Objects
Ɛnnɛ yɛbɛhwehwɛ objects ahodoɔ a ɛwɔ Deriv MT5 platform Deriv MT5 platform no so ne sɛdeɛ ɛbɛtumi ama wo technical analysis ne aguadi akwan technical analysis atu mpɔn paa. Sɛ wote sɛdeɛ wɔde saa nnwinnadeɛ yi di dwuma yie ase a, ɛbɛboa wo ama woasi aguadi ho gyinaeɛ pa.
Chart Objects Ho Nnianimu
Objects a ɛwɔ Deriv MT5 mu yɛ mfonini nnwinnadeɛ a wobɛtumi de agu wo charts so de ahyɛ boɔ gyinabea titire nsow, de ahu gua su (trends), na wode atwerɛ nsɛm a ɛho hia wɔ so. Ɛma aguadifoɔ tumi de wɔn ani kyerɛ gua so nsɛm ase na wɔma wɔn aguadi akwan tu mpɔn ɛnam sɛ ɛma boɔ nsakraeɛ mu da hɔ nti.
Sɛ wopɛ sɛ wonya saa objects yi a, kɔ ‘Insert’ wɔ menu no mu na fa kɛsa no si ‘Objects’ so. Momma yɛmfa yɛn adwene nsi nnwinnadeɛ a wɔtaa de di dwuma paa no mu bi so.
Chart Objects Titire
- Lines:
- Horizontal Lines: Wɔde hyɛ boɔ gyinabea titire te sɛ support ne resistance nsow. Ɛboa ma wohu mmeaeɛ a boɔ bɛtumi adane akɔ akyire anaa mmeaeɛ a boɔ gyina faako.
- Vertical Lines: Ɛboa ma wɔhyɛ mmerɛ pɔtee bi nsow, na ɛboa wo ma wohwehwɛ boɔ nsakraeɛ a ɛfa nna anaa nsɛm titire bi ho mu.
- Trendlines: Ɛka boɔ gyinabea akɛseɛ (deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ fam) bom de kyerɛ faako a gua no su (trend) korɔ ne n’ahoɔden, na ɛma wonya nteaseɛ wɔ sɛdeɛ trend no gu so anaa ɛredane ho.
- Horizontal Lines: Wɔde hyɛ boɔ gyinabea titire te sɛ support ne resistance nsow. Ɛboa ma wohu mmeaeɛ a boɔ bɛtumi adane akɔ akyire anaa mmeaeɛ a boɔ gyina faako.
- Channels:
- Equidistant Channels: Ɛyɛ nsensaneeɛ mmienu a ɛnam bɛn ho pɛpɛɛpɛ a ɛkyerɛ soro ne fam hyeɛ ma boɔ nsakraeɛ. Ɛboa ma wohu trends ne support anaa resistance gyinabea, na ɛma ɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛhu mmeaeɛ a boɔ bɛtumi apaepae afiri mu (breakout) anaa ɛbɛdane.
- Andrews' Pitchfork: Ɛyɛ nsensaneeɛ mmiɛnsa a ɛnam bɛn ho pɛpɛɛpɛ a wɔatwe afiri boɔ a ɛwɔ soro anaa fam titire bi so. Nsensaneeɛ a ɛwɔ mfinimfini no kyerɛ trend titire no, ɛnna deɛ ɛwɔ akyire no boa ma wohu support ne resistance.
- Equidistant Channels: Ɛyɛ nsensaneeɛ mmienu a ɛnam bɛn ho pɛpɛɛpɛ a ɛkyerɛ soro ne fam hyeɛ ma boɔ nsakraeɛ. Ɛboa ma wohu trends ne support anaa resistance gyinabea, na ɛma ɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛhu mmeaeɛ a boɔ bɛtumi apaepae afiri mu (breakout) anaa ɛbɛdane.
- Gann Tools:
- Gann Line: Trendline a ɛda 45-degree so a ɛkyerɛ pɛpɛɛpɛyɛ a ɛda boɔ nsakraeɛ ne mmerɛ ntam. Ɛboa aguadifoɔ ma wɔhwehwɛ mu hu sɛ gua no rekɔ soro (bullish) anaa ɛrekɔ fam (bearish) a ɛgyina faako a boɔ no gyina wɔ Gann Line no ho.
- Gann Fan: Ɛyɛ trendlines bebree a ɛfiri baabi baako trɛ kɔ mmeaeɛ pɔtee bi, na ɛboa ma wɔhwehwɛ trend ahoɔden ne mmeaeɛ a ɛbɛtumi adane mu.
- Gann Line: Trendline a ɛda 45-degree so a ɛkyerɛ pɛpɛɛpɛyɛ a ɛda boɔ nsakraeɛ ne mmerɛ ntam. Ɛboa aguadifoɔ ma wɔhwehwɛ mu hu sɛ gua no rekɔ soro (bullish) anaa ɛrekɔ fam (bearish) a ɛgyina faako a boɔ no gyina wɔ Gann Line no ho.
- Fibonacci Tools:
- Fibonacci Retracement Tool: Ɛtwe horizontal lines wɔ Fibonacci gyinabea titire so de hu mmeaeɛ a boɔ bɛtumi adane wɔ gua so. Saa gyinabea yi yɛ adwuma sɛ support anaa resistance a ɛgyina tete boɔ nsakraeɛ so.
- Fibonacci Channel: Ɛde nsensaneeɛ a ɛnam bɛn ho pɛpɛɛpɛ a ɛgyina Fibonacci ratios so hwehwɛ faako a trend korɔ mu na ɛkyerɛ deɛ ɛbɛtumi asi wɔ gua so, na ɛma wonya nteaseɛ wɔ mmeaeɛ a wobɛwura aguadi mu ne faako a wobɛfiri mu.
- Fibonacci Retracement Tool: Ɛtwe horizontal lines wɔ Fibonacci gyinabea titire so de hu mmeaeɛ a boɔ bɛtumi adane wɔ gua so. Saa gyinabea yi yɛ adwuma sɛ support anaa resistance a ɛgyina tete boɔ nsakraeɛ so.
- Elliott Wave Tools:
- Impulse Waves yɛ kankyeeɛ a ɛwɔ ahoɔden a ɛwɔ asorɔkye num a ɛdi trend titire no akyi, ɛnna Corrective Waves tia trend no na ɛtaa yɛ asorɔkye mmiɛnsa, a ɛma kwan ma wɔhwehwɛ gua kyinhyia mu.
- Impulse Waves yɛ kankyeeɛ a ɛwɔ ahoɔden a ɛwɔ asorɔkye num a ɛdi trend titire no akyi, ɛnna Corrective Waves tia trend no na ɛtaa yɛ asorɔkye mmiɛnsa, a ɛma kwan ma wɔhwehwɛ gua kyinhyia mu.
- Shapes, Arrows, ne Graphical Objects:
- Fa shapes ne arrows a ɛnyɛ den hyɛ wo chart nhwehwɛmu mu den. Ɛbɛtumi aboa ama woahyɛ mmeaeɛ anaa nsɛsoɔ pɔtee bi nsow, na ama ayɛ mmerɛ sɛ wobɛhu trends ne boɔ nsakraeɛ akɛseɛ.
- Fa shapes ne arrows a ɛnyɛ den hyɛ wo chart nhwehwɛmu mu den. Ɛbɛtumi aboa ama woahyɛ mmeaeɛ anaa nsɛsoɔ pɔtee bi nsow, na ama ayɛ mmerɛ sɛ wobɛhu trends ne boɔ nsakraeɛ akɛseɛ.
Objects Nsakraeɛ ne Nhyehyɛeɛ
Sɛ wode objects gu wo chart so wie a, wobɛtumi asesa mu ntɛmntɛm:
- Sɛ wopɛ sɛ woyi anaa wosiesie object bi a, mia so fa yi. Wobɛhunu control points sɛ ɛbɛpue, na ama kwan ama woatwe akɔ faako a wopɛ.
- Sɛ wopɛ sɛ wopepa object bi a, mia nifa so (right-click), na yi ‘Delete’ anaa fa Backspace key no di dwuma. Sɛ woamfɛre ammɔ so ampepa object bi a, wobɛtumi asan de aba ɛnam nifa a wobɛmia so ayi ‘Undo Delete’ anaa Ctrl+Z a wobɛmia so.
Wobɛtumi nso asesa sɛdeɛ objects no teɛ ɛnam nifa a wobɛmia wɔ object a woayi no so na woayi ‘Properties’ no so. Yei bue adaka bi a ɛwɔ akwan a wobɛfa so:
- Asesa nsensaneeɛ ahosuo, ne tɛtrɛtɛ, ne ne su wɔ Common Tab no mu.
- Asesa gyinabea, ne su, ne ahosuo ama Fibonacci ne Gann tools wɔ Levels Tab no mu.
- Asiesie gyinabea ne sɛdeɛ ɛteɛ ho nhyehyɛeɛ yie wɔ Parameters Tab no mu.
- Ayi timeframes a wopɛ sɛ wo objects no pue wɔ so wɔ Visualisation Tab no mu.
Awieeɛ
Sɛ aguadifoɔ de objects ahodoɔ a ɛwɔ Deriv MT5 adaka no mu di dwuma yie a, wɔbɛtumi anya mfasoɔ kɛseɛ wɔ wɔn chart nhwehwɛmu mu. Sɛ wote sɛdeɛ wɔhyɛ boɔ nsakraeɛ nsow, wɔhyɛ trends nsow, na wɔde ani hu nsɛm a ɛho hia ase a, ɛma wo kwan ma wosiesie w’akwan yie na woma w’aguadi tu mpɔn.
Yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua sɛdeɛ wɔde saa nnwinnadeɛ yi di dwuma wɔ Deriv MT5 demo akawnt no mu na ama woakokwa wɔn dwumadie mu. Wɔ yɛn adesua a ɛdi hɔ no mu no, yɛbɛhwehwɛ indicators a ɛwɔ Deriv MT5 so ne sɛdeɛ wɔde di dwuma ma gua nhwehwɛmu a ɛkɔ akyire mu. Aguadi pa!
Quiz
Ɛdeɛn ne adwuma titire a chart objects di wɔ Deriv MT5 mu?
Adwinnadeɛ bɛn na ɛbɛtumi aboa wo ama woahunu mmeaeɛ a boɔ no bɛtumi adane ne kwan a ɛgyina mmerɛ a atwam boɔ gyinabea so?
Ɔkwan bɛn so na wobɛtumi asesa chart so nneɛma ahwɛbea sɛdeɛ wopɛ wɔ Deriv MT5 so?


