Kɔ asɛm titire no so tee

Vanilla Options ho akwankyerɛ a ɛyɛ mmerɛ

4
simma akenkan
3D agyan kɔkɔɔ ne candlestick nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ gua so nsakraeɛ ne boɔ a ɛkɔ soro ba fam wɔ akyi tumm so.

Vanilla options, a wɔsan frɛ no “vanillas” no, yɛ kwan pa a wobɛfa so adi gua wɔ ahofadie mu wɔ options aguadi mu. Ɛma wo kwan (nanso ɛnhyɛ wo) sɛ wobɛtɔ anaa wobɛtɔn agyapadeɛ bi wɔ boɔ bi a wɔahyɛ so ansa na da pɔtee bi aduru. Ɛyɛ den ma wo anaa? Ma yɛnkyerɛkyerɛ mu nkakrankakra.
‍

Ɔkwan bɛn so na vanilla options fa yɛ adwuma?

Vanilla option tɔ te sɛ deɛ worepɛ kwan akɔ dwumadie bi akyi (backstage pass). Wotua akwannya no ho ka nanso wo ara na wosi gyinaeɛ sɛ wobɛdi dwuma de ayɛ adwuma anaa. Sɛ mfasoɔ wɔ so a (gua no kɔ sɛdeɛ wopɛ no a), wobɛtumi de wo pass no adi dwuma na woanya so mfasoɔ. Sɛ ɛnyɛ saa a, deɛ ɛbɛtumi asi ara ne sɛ wobɛhwere pass no boɔ a wotuaeɛ no, na ɛnyɛ hwee bio.
‍

Nsɛmfua titire a ɛsɛ sɛ wohunu

Ansa na wobɛhyɛ aseɛ no, nsɛmfua titire bi a ɛsɛ sɛ wohunu nie:
‍

  • ‍Da a ɛbɛtwa mu (Expiration date): Ɛberɛ a etwa toɔ ma wo option no. Saa da yi twa mu a, wo pass (option) no berɛ twa mu na wontumi mfa nni dwuma bio.
    ‍
  • ‍Sika dodoɔ a wode di gua: Sɛ wotɔ vanilla option a, wotua sika bi a wɔfrɛ no premium anaa sika dodoɔ a wode di gua ma onii a ɔretɔn option no. Saa premium yi ne ka a wotua de nya hokwan a option nhyehyɛeɛ no de ma no.
    ‍
  • ‍Call option: Ɛma wo kwan ma wotɔ agyapadeɛ bi wɔ strike price no so ansa na ne berɛ atwa mu; ɛyɛ pa ara sɛ wodwene sɛ boɔ no bɛkɔ soro a.
    ‍‍
  • Put option: Ɛma wo kwan ma wotɔn agyapadeɛ bi wɔ strike price no so ansa na ne berɛ atwa mu; ɛboa sɛ wodwene sɛ boɔ no bɛba fam a.
    Wɔ Deriv so no, wɔde sika a wɔtua wo na ɛtua saa nhyehyɛeɛ yi ho ka mmom sen agyapadeɛ no ankasa.
    ‍‍
  • Intrinsic value: Nsonsonoeɛ a ɛda agyapadeɛ no boɔ a ɛwɔ so seesei ne strike price no ntam.
    ‍‍
  • Time value: Ɛkyerɛ ɛberɛ dodoɔ a aka ansa na ne berɛ atwa mu; mpɛn pii no, sɛ ɛberɛ pii aka a, na ɛkyerɛ sɛ ne boɔ kɔ soro.
    ‍
  • ‍Strike price: Strike price no, a wɔsan frɛ no exercise price no, yɛ nnyinasoɔ titire wɔ options aguadi mu. Ɛgyina hɔ ma boɔ a wɔahyɛ ato hɔ dada a onii a ɔkura option no bɛtumi atɔ (wɔ call option mu) anaa ɔbɛtumi atɔn (wɔ put option mu) agyapadeɛ a aguadi no gyina soɔ no. Wɔhyɛ strike price no berɛ a wɔreyɛ option nhyehyɛeɛ no, na ɛdi dwuma titire wɔ sika a wɔtua wo a wobɛtumi anya firi option no mu no ho.

‍

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wodi vanilla options gua?

Aguadifoɔ pɛ vanilla options ɛfiri sɛ ɛma ahofadie ne mfasoɔ a wobɛtumi anya. Ɔkwan a wobɛtumi afa so de adi dwuma nie:

  • Wohwɛ kwan sɛ agyapadeɛ bi boɔ bɛkɔ soro? Tɔ call option na fa sɔ tɔ boɔ a ɛwɔ fam mu. Wei kyerɛ sɛ mpo sɛ gua so boɔ no kɔ soro tra wo strike price no a, woda so ara wɔ hokwan sɛ wotɔ wɔ strike price a wɔapene soɔ no so.
Graph illustrating a 'Call' option trade, showing start time, expiry time, spot price below the strike price, and a loss indicator.
  • Wodwene sɛ boɔ no bɛba fam? Tɔ put option sɛdeɛ wobɛtumi atɔn wɔ boɔ a ɛwɔ soro so. Wei kyerɛ sɛ mpo sɛ gua so boɔ no ba fam siane wo strike price no a, woda so ara wɔ hokwan sɛ wotɔn wɔ strike price a wɔapene soɔ no so.
Graph illustrating a 'Put' option trade, showing start time, expiry time, spot price above the strike price, and a loss indicator

Ampa, aguadi biara nni hɔ a asiane nni mu. Ɛwom sɛ vanilla options bɛtumi ayɛ anigyeɛ deɛ, nanso ɛyɛ nyansa kwan daa sɛ wobɛhwɛ wo asiane so yie na woadi gua wɔ ahwɛyie mu.

‍
Fa ahotosoɔ hyɛ aseɛ aguadi mfitiaseɛ

Vanilla options ma wo akwan pii a wobɛfa so adi gua, nanso te sɛ sikasɛm mu adwinnadeɛ biara no, asiane bata ho. Sɛ woyɛ foforɔ wɔ options aguadi mu a, adɛn nti na womfa demo account nhyɛ aseɛ wɔ Deriv so? Wobɛtumi nso ama wo nimdeɛ akɔ anim denam adesua a wɔntua ho ka a ɛwɔ Deriv Academy soɔ no so.

Woasiesie wo ho sɛ wobɛhyɛ aseɛ?

Fa wo Deriv account email ne password a wowɔ dada no wura Deriv Academy mu. 

Fa demo account sua adeɛ na di gua wɔ ahwɛyie mu.

‍

Quiz

Nsɛm a ɛdidi soɔ yi a ɛfa vanilla options ho no mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ nokorɛ?

Nsɛmmisa a wɔtaa bisa

Analyse markets with AI-powered insights

Explore TradersView
WhatsApp