
Bitcoin nhia nkyerɛkyerɛmu biara. Ɛno ne Crypto sika a ɛdi kan koraa, deɛ ɛhyɛɛ ne nyinaa aseɛ no. Nanso crypto wiase no annyae wɔ hɔ. Firi saa berɛ no, abɛɛfo sika foforɔ mpempem pii na aba wɔ Crypto sika aguadi mu, a emu biara de biribi soronko ba. Ɛha na altcoins ne stablecoins ba mu.
Ma yɛnkyerɛkyerɛ deɛ ɛyɛ ne deɛ enti a ɛho hia mu.
Altcoins: Bitcoin akansifoɔ pii no
Altcoins (a ɛgyina hɔ ma “alternative coins” tiawa mu) kyerɛ Crypto sika ahodoɔ nyinaa a ɛnyɛ Bitcoin. Altcoin a ɛdi kan no puee wɔ afe 2011 mu, na firi saa berɛ no, nhyehyɛeɛ yɛfoɔ de nneɛma pa ne nimdeɛ foforɔ aba de ayɛ sika a ne keka ho yɛ ntɛm, ne boɔ yɛ fɔɔfɔɔ, na ɛnsɛe ahoɔden pii. Altcoins bi yɛ adwuma wɔ Bitcoin blockchain so, berɛ a ebinom nso te sɛ Ethereum wɔ wɔn ankasa network soronko a wɔayɛ ama botaeɛ ahodoɔ. Susu smart contracts ne decentralised applications ho hwɛ.
Wobɛtumi adi Altcoins gua wɔ Deriv so?
Ampa ara! Aguadifoɔ pii pɛ altcoins ɛfiri sɛ ne boɔ sesa ntɛmntɛm. Boɔ nsakraeɛ akɛseɛ bɛtumi ama akwannya akɛseɛ, nanso ɛde asiane kɛseɛ nso ba. Wɔ Deriv so no, ɛnhia sɛ wotɔ altcoins anaa ɛbɛyɛ wo deɛ ansa na woadi ho gua. Sɛ woredi CFDs gua anaa worede multipliers ayɛ adwuma no, woredi sɛdeɛ boɔ no sesa ho gua. Sɛ deɛ wohwɛɛ kwan no ba mu a, wonya mfasoɔ a sika nkotokuo anaa private keys ho dadwene biara nni mu.
Nokorɛm no, asiane da so ara wɔ mu. Aguadi kwan pa, nnwinnadeɛ a wɔde hwɛ asiane so te sɛ Stop Loss, ne technical analysis a ɛdi mu bɛtumi aboa ama woakɔ so atena ahobammɔ mu.
Stablecoins: Crypto afa a ɛgyina pintinn no
Ɛnyɛ Crypto sika nyinaa na ne boɔ kɔ soro ba fam basabasa. Wɔayɛ stablecoins sɛ ɛnnyina pintinn. Wɔde ne boɔ ato agyapadeɛ te sɛ US dollar anaa sika kɔkɔɔ so, mpɛn pii no wɔ 1:1 susudua so. Wei kyerɛ sɛ ne boɔ ntaa nsesa kɛseɛ mpofirim, na wɔtaa de tua ka wɔ crypto wiase no mu.
Nanso, ɛnyɛ sɛ asiane biara nni stablecoins mu. Terra hweaseɛ bɔne a ɛsii wɔ afe 2022 mu no kyerɛɛ sɛ agyapadeɛ a “ɛgyina pintinn” mpo boɔ bɛtumi asɛe prɛko pɛ. Enti, ɛwom sɛ ɛbɛtumi agyina pintinn asen Bitcoin anaa Ethereum deɛ, nanso ɛda so ara wɔ ne ankasa asiane ahodoɔ.
Wobɛtumi adi stablecoins gua wɔ Deriv so?
Wobɛtumi adi stablecoins gua wɔ Deriv so, sɛdeɛ wobɛtumi ayɛ altcoins ara pɛ no. Ɛnam sɛ stablecoins boɔ nsesa kɛseɛ te sɛ crypto foforɔ nti, ɛnyɛ papa pii mma day trading ɛfiri sɛ ne boɔ ntaa nsesa ntɛmntɛm. Nanso boɔ nsakraeɛ nketewa mpo bɛtumi ama mfasoɔ sɛ woredi gua akɛseɛ anaa wopɛ deɛ ne boɔ nsesa kɛseɛ a. Bio nso, Deriv ma wo kwan ma wode stablecoins bue crypto account, na ɛma ɛyɛ kwan pa ma aguadi wɔ gua foforɔ so nso.
Quiz
Deɛn na ɛma stablecoins yɛ soronko firi altcoins ho?


