Agyapadeɛ a aguadi gyina so wɔ Deriv so ho nhwɛsoɔ tiawa
Wɔ derivatives aguadi mu no, agyapadeɛ a aguadi no gyina so derivatives aguadi ho nteaseɛ ho hia pa ara ma aguadi akwan a ɛtu mpɔn. Adesua yi bɛma nsɛm a wɔdaa no adi wɔ video no mu no mu ada hɔ yie denam nhwehwɛmu kɔ akyiri a ɛfa agyapadeɛ ahodoɔ a aguadi gyina so a ɛwɔ hɔ ma derivatives aguadi wɔ Deriv Deriv aguadi kwan so no so, a sikasɛm mu agyapadeɛ ne Derived Indices soronko ka ho. Sɛ wote agyapadeɛ yi ase yie a, ɛbɛboa wo ama woasi aguadi ho gyinaeɛ a ɛtɔ asom a ɛne nea wopɛ ne asiane dodoɔ a wobɛtumi asɔ ano hyia.
Sikasɛm mu Agyapadeɛ a Ɛwɔ Hɔ ma Derivatives Aguadi
Deriv de sikasɛm mu agyapadeɛ ahodoɔ pii ma wɔ derivatives aguadi mu. Saa ahodoɔ pii yi ma aguadifoɔ kwan ma wɔnya mfasoɔ firi gua so akwannya ahodoɔ mu wɔ agyapadeɛ akuo ahodoɔ mu:
- Forex Pairs Akɛseɛ: Yeinom bi ne sika ahodoɔ a agye din te sɛ EUR/USD, GBP/USD, ne USD/JPY. Mpɛn pii no, derivatives aguadi wɔ Forex pairs akɛseɛ so ma kwan ma tɔ ne tɔn kɔ so ntɛmntɛm na ɛma Spreads a ɛba fam, na ɛma ɛyɛ deɛ aguadifoɔ pii ani gye ho.
- Stock Indices: Index derivatives ma aguadifoɔ kwan ma wɔdi gua gyina sɛdeɛ adwumakuo kyɛfa (Stocks) kuo bi bɛdi dwuma afa so. Stock indices aguadi bɛtumi ama woanya nhumu wɔ sɛdeɛ gua kɛseɛ no nyinaa rekɔ so ho na ate asiane a ɛbata adwumakuo kyɛfa baako pɛ mu sika a wɔde hyɛ mu no so.
- Crypto sika ahodoɔ: Ɛnam digital sika a ɛrenya nkɔanim nti, Deriv de akwannya ma sɛ wobɛdi derivatives gua wɔ Crypto sika a agye din te sɛ Bitcoin ne Ethereum so. Saa derivatives yi ma aguadifoɔ kwan ma wɔde wɔn ho hyɛ saa gua a ne boɔ sesa ntɛmntɛm yi mu a ɛnhia sɛ wɔtɔ sika no ankasa sie.
- Nneɛma a wɔde di gua (Commodities): Nneɛma a wɔde di gua (Commodities) te sɛ sika kɔkɔɔ, ngo, ne kuayɔ mu nneɛma ma aguadifoɔ akwan foforɔ a wɔbɛfa so adi gua na wɔabɔ wɔn ho ban afiri sikasɛm mu nsakraeɛ ho. Derivatives a ɛgyina nneɛma a wɔde di gua (Commodities) so no bɛtumi atu mpɔn pa ara wɔ gua so tebea ahodoɔ mu.
Derived Indices Ho Nteaseɛ
Deriv san nso de Derived Indices soronko ma, a ɛsuasua sɛdeɛ gua pɔtee bi yɛ n'adeɛ na ɛde aguadi akwannya soronko ma:
- Synthetic Indices: Saa indices yi suasua sɛdeɛ wiase gua ankasa teɛ denam akontaahyɛdeɛ mfidie a ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ na ɛbɔ ho ban so. Ɛma aguadifoɔ boɔ nsakraeɛ a ɛkɔ so daa, na ɛma ɛboa ma aguadi akwan ahodoɔ pii a nsakraeɛ a wɔnhwɛ kwan a ɛwɔ amammerɛ kwan so gua mu no nka ho.
- Basket Indices: Saa indices yi di sɛdeɛ agyapadeɛ kuo bi a wɔaboaboa ano di dwuma no akyi, na ɛma kwan ma wohu kuo no nyinaa dwumadie sen sɛ wobɛgyina agyapadeɛ baako pɛ so. Nhwɛsoɔ ne sɛ, Gold Basket susuw sika kɔkɔɔ boɔ tia wiase sika ahodoɔ num a wɔahyehyɛ. Saa nkyekyɛmu yi boa ma wɔkyɛ asiane mu na ɛbɛtumi ama gyinapɛn pa aba aguadi mu.
- Volatility Indices: Saa indices yi da boɔ nsakraeɛ adi wɔ nsakraeɛ gyinapɛn a wɔadi kan ahyehyɛ so na ɛma aguadifoɔ akwannya sɛ wɔbɛnya mfasoɔ afiri nsakraeɛ a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ mu. Options a ɛwɔ saa indices yi so no bɛtumi ayɛ deɛ ɛtwetwe adwene ɛnam sɛdeɛ wɔahyehyɛ n'asiane su ne nsakraeɛ ano hyeɛ a wɔahyɛ no pɔtee nti.
- Jump Indices: Jump Indices a ɛyɛ Volatility Indices su foforɔ no wɔ boɔ nsakraeɛ akɛseɛ a ɛboro sɛdeɛ ɛteɛ daa so a ɛsi bɛyɛ pɛn baako simma 20 biara mu. Saa su yi ma aguadifoɔ akwannya soronko sɛ wɔbɛnya mfasoɔ afiri gua so nsakraeɛ a ɛba mpofirim mu.
- Crash and Boom Indices: Ɛfata pa ara ma aguadifoɔ a wɔpɛ sɛ wɔnya mfasoɔ firi boɔ nsakraeɛ a ɛba mpofirim mu; Crash Indices kɔ soro nkakrankakra ansa na ahwe ase mpofirim, berɛ a Boom Indices ba fam nkakrankakra kɔpem sɛ ɛbɛhuru akɔ soro mpofirim. Saa indices yi de aguadi akwannya ma a ɛgyina sɛdeɛ wɔhwɛ kwan sɛ gua no bɛyɛ n'adeɛ so.
- Step Indices: Sɛdeɛ edin no kyerɛ no, Step Indices tu anammɔn wɔ nsakraeɛ susudua pɔtee bi so, na ɛde aguadi tebea a wobɛtumi ahu sɛdeɛ ɛbɛkɔ ma. Anammɔn biara yɛ pɛpɛɛpɛ, na ɛma ɛyɛ deɛ ɛfata ma berɛ tiawa ne berɛ tenten aguadi akwan nyinaa.
- Daily Reset Indices: Indices a ɛsuasua gua a ɛrekɔ soro anaa ɛreba fam wɔ nnɔnhwere 24 ntam (nhwɛsoɔ ne Bull Market Index ne Bear Market Index) ka saa kuo yi ho. Saa indices yi san hyɛ aseɛ firi ne mfitiaseɛ gyinapɛn so wɔ aguadi da biara mfitiaseɛ, na ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛseɛ sɛ wobɛhu sɛdeɛ da biara gua no bɛkɔ.
Mfasoɔ a Ɛwɔ Agyapadeɛ a Aguadi Gyina So Ho Nteaseɛ So
Agyapadeɛ a aguadi gyina so ho nteaseɛ a ɛmu dɔ ho hia pa ara ma oguadifoɔ biara a ɔpɛ sɛ ɔdi nkonim wɔ derivatives aguadi mu wɔ Deriv so. Sikasɛm mu agyapadeɛ ahodoɔ ne Derived Indices soronko ho nteaseɛ ma wo nimdeɛ a ɛhia na ama woasi gyinaeɛ pa na woahyehyɛ w'aguadi akwan ma atu mpɔn. Berɛ a wokɔ so sua derivatives ne sɛdeɛ wɔde di dwuma wɔ akwan ahodoɔ so ho adeɛ no, kɔ so yere wo ho sɛ wobɛma wo nimdeɛ akɔ anim ama w'aguadi akwantuo no adi nkonim.
Quiz
Adɛn nti na Basket Indices so wɔ mfasoɔ ma asiane ho nhyehyɛeɛ?
Derivative ahodoɔ bɛn na ɛma aguadifoɔ kwan ma wɔdi gua wɔ kwan a forex pairs anaa nneɛma a wɔde di gua (Commodities) kuo bi nyinaa de rekɔ no so?
Nsonsonoeɛ bɛn na ɛda Jump Indices ne Volatility Indices a wɔtaa de di dwuma no ntam?


