Derivatives ho nsɛm tiawa
Derivatives nteaseɛ: Nsɛm tiawa
Wɔ sikasɛm ne aguadi adesua a ɛma ahyɛaseɛfoɔ mu no, Derivatives di dwuma titire pa ara sɛ sikasɛm mu akadeɛ a ɛsom boɔ wɔ aguadi akwan mu. Adesua yi bɛkyerɛkyerɛ deɛ Derivatives yɛ mu, akyerɛ sɛdeɛ ɛyɛ adwuma, na ahwehwɛ mfasoɔ a ɛwɔ so, na aboa wo ma woate apam a emu dɔ yi ase a worenhyɛn aguadi ahodoɔ pɔtee bi mu.
Ɛdeɛn ne Derivatives?
Derivatives yɛ sikasɛm mu apam a Leverage ka ho a ne boɔ gyina sɛdeɛ agyapadeɛ bi, agyapadeɛ kuo bi, anaa susudua bi di dwuma wɔ gua so no so. Agyapadeɛ a ɛgyina so no bɛtumi ayɛ akadeɛ ahodoɔ pii; nhwɛsoɔ ne amannɔne sika nkabom, Adwumakuo kyɛfa (Stocks), bonds, Nneɛma a wɔde di gua (Commodities), mfɛntom, gua so indices, anaa Crypto sika. Derivative bi boɔ sesa sɛdeɛ agyapadeɛ a ɛgyina so no boɔ sesa no, na ɛma aguadifoɔ tumi nya mfasoɔ firi gua so nsakraeɛ mu a ɛnhia sɛ wɔtɔ agyapadeɛ no ankasa fa.
Sɛdeɛ ne nkyerɛaseɛ teɛ no, wɔkyekyɛ Derivatives mu gyina abusuabɔ a ɛda wɔn ne agyapadeɛ a ɛgyina so no ntam so. Esiane sɛ ne boɔ firi saa agyapadeɛ yi mu ba nti, ɛma Derivatives yɛ akadeɛ a ɛyɛ mmerɛw ma aguadifoɔ ne wɔn a wɔde sika hyɛ dwuma mu a wɔrehwehwɛ akwan ahodoɔ a wɔbɛfa so ahwɛ asiane so anaa wɔadi gua agyina boɔ nsakraeɛ so wɔ gua so.
Mfasoɔ a ɛwɔ Derivatives aguadi so
Nneɛma titire pii nti na aguadifoɔ ani gye Derivatives ho:
- Leverage: Mpɛn pii no, Derivatives ma aguadifoɔ tumi de sika kakraa bi di gua kɛseɛ. Saa Leverage yi bɛtumi ama mfasoɔ a wobɛtumi anya no ayɛ kɛseɛ, na ɛma ɛyɛ akɔnnɔ wɔ sikasɛm mu. Na ɛwom sɛ wɔ CFDs aguadi mu no Leverage bɛtumi nso ama ka a wobɛtumi abɔ ayɛ kɛseɛ deɛ, nanso wɔ Options aguadi mu no, ka a obi bɛtumi abɔ no ntra sika dodoɔ a wode di gua firi mfitiaseɛ no.
- Hedging: Aguadifoɔ pii de Derivatives di dwuma sɛ kwan a wɔfa so hwɛ asiane so, na ɛboa wɔn ma wɔsiw ka a wɔbɛtumi abɔ wɔ dwumadie foforɔ mu ano. Nhwɛsoɔ ne sɛ, oguadini bɛtumi de derivative bi ato boɔ bi pɔtee so, de abɔ ne sika ho ban afiri gua so nsakraeɛ bɔne ho.
- Sika kakraa bi a ɛhia: Mpɛn pii no, Derivatives aguadi nhia sika kɛseɛ sɛ wode toto sɛ wobɛtɔ agyapadeɛ a ɛgyina so no ankasa ho a, na ɛno ma aguadifoɔ tumi trɛw wɔn aguadi akadeɛ ahodoɔ mu wɔ kwan a ɛyɛ mmerɛw so.
- Aguadi mu nkyekyɛmu: Derivatives ma aguadifoɔ nya kwan di gua wɔ agyapadeɛ ahodoɔ pii so, te sɛ Nneɛma a wɔde di gua (Commodities), Stock indices, anaa amannɔne sika, a mpɛn pii no ɛnhia sika kɛseɛ. Saa nkyekyɛmu yi bɛtumi aboa ma asiane so ate.
- Kwan a wɔnya kɔ wiase nyinaa gua so: Derivatives ma aguadifoɔ tumi nya kyɛfa wɔ wiase nyinaa gua ahodoɔ so a ɛnhia sɛ wɔnya agyapadeɛ no ankasa wɔ wɔn nsam. Kwan a ɛbue yi ma wɔnya aguadi akwannya kɛseɛ wɔ agyapadeɛ akuo pii mu.
- Boɔ nsakraeɛ mu aguadi akwannya: Aguadifoɔ bɛtumi de Derivatives adi gua agyina sɛdeɛ agyapadeɛ a ɛgyina so no boɔ sesa no so. Yei ma kwan ma wobɛtumi anya mfasoɔ kɛseɛ berɛ a wobɛhunu sɛdeɛ gua no bɛkɔ no yie, a mpɛn pii no mfitiaseɛ sika kakraa bi na wode hyɛ aseɛ.
- Gua so Dwumadie Pa: Derivatives bɛtumi aboa ma gua so dwumadie akɔ so yie berɛ a ɛma tɔ ne tɔn yɛ mmerɛw na ɛboa ma wɔhunu boɔ pa. Ɛboa ma yɛhunu daakye boɔ a wɔhwɛ kwan a ɛgyina nsɛm a ɛwɔ hɔ seesei so, na ɛbɛtumi aboa aguadifoɔ ma wɔasi gyinaeɛ pa.
Awieeɛ: Mfasoɔ a ɛwɔ Derivatives nteaseɛ so
Derivatives nteaseɛ ho hia pa ara ma oguadini biara a ɔpɛ sɛ ɔdi gua yie wɔ sikasɛm gua so. Sɛ wote ne nnyinasosɛm titire, sɛdeɛ ɛyɛ adwuma, ne mfasoɔ a ɛwɔ so ase a, ɛma wotumi si aguadi mu gyinaeɛ pa na wode ka w’aguadi nhyehyɛeɛ nyinaa ho. Berɛ a worekɔ w’anim wɔ wo sikasɛm mu adesua mu no, kɔ so hwehwɛ sɛdeɛ Derivatives yɛ adwuma ne sɛdeɛ ɛbɛtumi aboa wo ma woaduru w’aguadi botaeɛ ho.
Quiz
Ɛdeɛn ne derivative?
Deɛ ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛboa ma derivatives aguadi twetwe adwene?
Mfasoɔ titire a ɛwɔ Options aguadi mu no baako ne deɛn sɛ wode toto sɛ wobɛtɔ agyapadeɛ bi afa tee ho a?


